Psalms 57

Mmoa mpaebɔ

1Hu me mmɔbɔ,
O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ efisɛ, merebɛpɛ guankɔbea wo nkyɛn.
Wo ntaban ase nwini bɔ me ho ban kosi sɛ asorɔkye a ɛrehuru no dwo.
2Misu frɛ Onyankopɔn,
Ɔsorosoroni no;
Onyankopɔn a ɔma me nea ehia me nyinaa no.
3Obegye me so wɔ soro hɔ na wagye me nkwa.
Obedi wɔn a wɔhyɛ me so so nkonim.
Onyankopɔn bɛma mahu ne dɔ a ɔde dɔ me daa ne ne nokware.
4Atamfo a wɔte sɛ agyata a wɔwe nnipa na atwa me ho ahyia.
Wɔn se te sɛ mpeaw ne mmɛmma, na wɔn tɛkrɛma te sɛ nkrante nnamnnam.
5O Onyankopɔn, kyerɛ wo kɛseyɛ wɔ wim, na kyerɛ wʼanuonyam wɔ wiase mmaa nyinaa.
6Mʼatamfo atrɛw asau mu pɛ sɛ wɔde kyere me; amanehunu ahyɛ me so.
Wotuu amoa wɔ me kwan mu, nanso wɔn ara na wɔtɔɔ mu.
7Mewɔ gyidi dennen,
O Onyankopɔn; mɛto dwom na makamfo wo.
8Keka wo ho, me kra.
Keka wo ho sanku ne bɛnta so.
Mɛkanyan owia.
9Mɛda wo ase,
O Awurade, akyerɛ aman.
Mɛkamfo wo akyerɛ nnipa.
10Wo dɔ a wowɔ daa no du soro; wo nokware kɔka wim.
11Kyerɛ wo kɛseyɛ wɔ wim,
O Onyankopɔn, ne wʼanuonyam wɔ asase so mmaa nyinaa.
Copyright information for TwiNAK